Jeremiah 47
Akuapem Twi
1Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:
1Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
2Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam; ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so. Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so, nkurow no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteɛteɛ mu; wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo
2Sei na Awurade seɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam; ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so, nkuro no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteateam; wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo
3bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei, na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyigyei no. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
3ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ, na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
4Na da no aba sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifo no, nkae a wofi Kreta mpoano no.
4Na ɛda no aba sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no, nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.
5Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔ mum. Mo nkae a mowɔ tataw so, mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?
5Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔre mum. Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so, mobɛsu akɔsi da bɛn?
6“ ‘Aa, Awurade afoa,’ ‘da bɛn na wobɛhome? San kɔhyɛ wo boha mu; gyae na da komm.’
6“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena, da bɛn na wobɛhome? Sane kɔhyɛ wo bɔha mu; gyae na da dinn.’
7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm bere a Awurade ahyɛ no bere a wahyɛ no se ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”
7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices