Psalms 82
1Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu. 2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn? 3Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban. 4Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. 5“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow. 6“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ 7Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.” 8Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices