Church of Christ
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Psalms 55

Asante Twi
Akuapem Twi
1Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
1Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
2tie me na gye me so. Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa,
2tie me na gye me so. Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa,
3wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti; wɔde amanehunu brɛ me; na wɔde abufuo sopa me.
3esiane nea me tamfo reka, esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti; efisɛ wɔde amanehunu ba me so; na wofi wɔn abufuw mu kum me.
4Mʼakoma wɔ ahoyera mu; na owuo huboa aba me so.
4Me koma wɔ ahoyeraw mu; na owu huboa aba me so.
5Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me. Ahodwirie abu afa me so.
5Ehu ne ahopopo akyekyere me. Ahodwiriw abu afa me so.
6Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a, anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me,
6Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔ ama me ho atɔ me,
7anka mɛtu akɔ akyirikyiri akɔtena ɛserɛ so;
7anka metu akɔ akyirikyiri akɔtena sare so;
8anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ, baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.”
8anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea, faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.”
9Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.
9Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu.
10Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho; adwemmɔne ne nsisie wɔ mu.
10Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho; adwemmɔne ne asisi wɔ mu.
11Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa.
11Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa.
12Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a, anka mɛtumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a, anka mɛtumi de me ho ahinta no.
12Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a, anka metumi de me ho ahintaw no.
13Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me, me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ,
13Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me, me yɔnko, mʼadamfo kann,
14a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.
14a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.
15Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim; ma wɔnkɔ damena mu anikann, ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu.
15Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim; ma wɔnkɔ ɔda mu anikann, efisɛ bɔne te wɔn mu.
16Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
16Nanso misu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
17Anwummerɛ, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
17Anwummere, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
18Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu, mpo bebree na wɔko tia me.
18Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu wɔ ako a wodi tia me no mu, mpo dodow na wɔsɔre tia me.
19Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn, ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da na wɔnsuro Onyankopɔn nso.
19Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn, ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da na wonsuro Onyankopɔn nso.
20Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so; na ɔbu nʼapam so.
20Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so; na obu nʼapam so.
21Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ, nanso ɔtan wɔ nʼakomam. Nʼano asɛm dwodwo sene ngo, nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe.
21Ɔwɔ tɛkrɛmawo, nanso ɔtan wɔ ne koma mu. Nʼano asɛm dwudwo sen ngo, nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.
22Fa wo haw to Awurade so na ɔno na ɔbɛgye wo; ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
22Fa wo haw to Awurade so na ɔno na obegye wo; ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.
23Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu; mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ renni wɔn nkwanna mu fa. Me deɛ, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.”
23Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu; mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nkwanna mu fa. Nanso me de, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so.

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices