Church of Christ
King James Version

Proverbs 7

KJV
Akuapem Twi
1My son, keep my words, and lay up my commandments with thee.
1Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.
2Keep my commandments, and live; and my law as the apple of thine eye.
2Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.
3Bind them upon thy fingers, write them upon the table of thine heart.
3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.
4Say unto wisdom, Thou art my sister; and call understanding thy kinswoman:
4Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani;
5That they may keep thee from the strange woman, from the stranger which flattereth with her words.
5Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.
6For at the window of my house I looked through my casement,
6Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu.
7And beheld among the simple ones, I discerned among the youths, a young man void of understanding,
7Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene.
8Passing through the street near her corner; and he went the way to her house,
8Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fi
9In the twilight, in the evening, in the black and dark night:
9bere a onwini redwo, na anim rebiribiri no.
10And, behold, there met him a woman with the attire of an harlot, and subtil of heart.
10Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.
11(She is loud and stubborn; her feet abide not in her house:
11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa;
12Now is she without, now in the streets, and lieth in wait at every corner.)
12nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)
13So she caught him, and kissed him, and with an impudent face said unto him,
13Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se,
14I have peace offerings with me; this day have I payed my vows.
14“Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so.
15Therefore came I forth to meet thee, diligently to seek thy face, and I have found thee.
15Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo!
16I have decked my bed with coverings of tapestry, with carved works, with fine linen of Egypt.
16Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.
17I have perfumed my bed with myrrh, aloes, and cinnamon.
17Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo.
18Come, let us take our fill of love until the morning: let us solace ourselves with loves.
18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;
19For the goodman is not at home, he is gone a long journey:
19Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ.
20He hath taken a bag of money with him, and will come home at the day appointed.
20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”
21With her much fair speech she caused him to yield, with the flattering of her lips she forced him.
21Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.
22He goeth after her straightway, as an ox goeth to the slaughter, or as a fool to the correction of the stocks;
22Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu
23Till a dart strike through his liver; as a bird hasteth to the snare, and knoweth not that it is for his life.
23kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
24Hearken unto me now therefore, O ye children, and attend to the words of my mouth.
24Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka.
25Let not thine heart decline to her ways, go not astray in her paths.
25Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so.
26For she hath cast down many wounded: yea, many strong men have been slain by her.
26Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27Her house is the way to hell, going down to the chambers of death.
27Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu.

King James Version — public domain. Full notices