Church of Christ
King James Version

Galatians 1

KJV
Asante Twi
1Paul, an apostle, (not of men, neither by man, but by Jesus Christ, and God the Father, who raised him from the dead;)
1Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no.
2And all the brethren which are with me, unto the churches of Galatia:
2Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:
3Grace be to you and peace from God the Father, and from our Lord Jesus Christ,
3Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
4Who gave himself for our sins, that he might deliver us from this present evil world, according to the will of God and our Father:
4Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu.
5To whom be glory for ever and ever. Amen.
5Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.
6I marvel that ye are so soon removed from him that called you into the grace of Christ unto another gospel:
6Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho.
7Which is not another; but there be some that trouble you, and would pervert the gospel of Christ.
7Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no.
8But though we, or an angel from heaven, preach any other gospel unto you than that which we have preached unto you, let him be accursed.
8Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
9As we said before, so say I now again, If any man preach any other gospel unto you than that ye have received, let him be accursed.
9Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
10For do I now persuade men, or God? or do I seek to please men? for if I yet pleased men, I should not be the servant of Christ.
10Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.
11But I certify you, brethren, that the gospel which was preached of me is not after man.
11Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ.
12For I neither received it of man, neither was I taught it, but by the revelation of Jesus Christ.
12Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
13For ye have heard of my conversation in time past in the Jews’ religion, how that beyond measure I persecuted the church of God, and wasted it:
13Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase.
14And profited in the Jews’ religion above many my equals in mine own nation, being more exceedingly zealous of the traditions of my fathers.
14Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden.
15But when it pleased God, who separated me from my mother’s womb, and called me by his grace,
15Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo
16To reveal his Son in me, that I might preach him among the heathen; immediately I conferred not with flesh and blood:
16sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo;
17Neither went I up to Jerusalem to them which were apostles before me; but I went into Arabia, and returned again unto Damascus.
17saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.
18Then after three years I went up to Jerusalem to see Peter, and abode with him fifteen days.
18Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum.
19But other of the apostles saw I none, save James the Lord’s brother.
19Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.
20Now the things which I write unto you, behold, before God, I lie not.
20Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.
21Afterwards I came into the regions of Syria and Cilicia;
21Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia.
22And was unknown by face unto the churches of Judea which were in Christ:
22Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me.
23But they had heard only, That he which persecuted us in times past now preacheth the faith which once he destroyed.
23Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.”
24And they glorified God in me.
24Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

King James Version — public domain. Full notices