Joel 1
KJV
1The word of the Lord that came to Joel the son of Pethuel.
1Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.
2Hear this, ye old men, and give ear, all ye inhabitants of the land. Hath this been in your days, or even in the days of your fathers?
2Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ; montie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?
3Tell ye your children of it, and let your children tell their children, and their children another generation.
3Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.
4That which the palmerworm hath left hath the locust eaten; and that which the locust hath left hath the cankerworm eaten; and that which the cankerworm hath left hath the caterpiller eaten.
4Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no ntutummɛ akɛseɛ no awe deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no ntutummɛ nkumaa no awe deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no ntutummɛ afoforɔ awe.
5Awake, ye drunkards, and weep; and howl, all ye drinkers of wine, because of the new wine; for it is cut off from your mouth.
5Mo asabofoɔ, monyane, na monsu! Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo; montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no wɔayi afiri mo ano.
6For a nation is come up upon my land, strong, and without number, whose teeth are the teeth of a lion, and he hath the cheek teeth of a great lion.
6Ɔman bi atu mʼasase so sa ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.
7He hath laid my vine waste, and barked my fig tree: he hath made it clean bare, and cast it away; the branches thereof are made white.
7Wɔasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, ato agu agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.
8Lament like a virgin girded with sackcloth for the husband of her youth.
8Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.
9The meat offering and the drink offering is cut off from the house of the Lord; the priests, the Lord’s ministers, mourn.
9Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ, wɔayi afiri Awurade efie. Asɔfoɔ no retwa adwoɔ, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
10The field is wasted, the land mourneth; for the corn is wasted: the new wine is dried up, the oil languisheth.
10Mfuo asɛe, asase no so awo wesee aduane no asɛe nsã foforɔ no awe ngo nyinaa asa.
11Be ye ashamed, O ye husbandmen; howl, O ye vinedressers, for the wheat and for the barley; because the harvest of the field is perished.
11Mo ani nwu, mo akuafoɔ, mo ntwa adwo, mo a modua bobe; Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ, ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.
12The vine is dried up, and the fig tree languisheth; the pomegranate tree, the palm tree also, and the apple tree, even all the trees of the field, are withered: because joy is withered away from the sons of men.
12Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera.
13Gird yourselves, and lament, ye priests: howl, ye ministers of the altar: come, lie all night in sackcloth, ye ministers of my God: for the meat offering and the drink offering is withholden from the house of your God.
13Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ; mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo. Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ mo a mosom Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.
14Sanctify ye a fast, call a solemn assembly, gather the elders and all the inhabitants of the land into the house of the Lord your God, and cry unto the Lord,
14Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; momfrɛ nhyiamu kronkron. Monfrɛ mpanimfoɔ ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Onyankopɔn efie na wɔmmesu mfrɛ Awurade.
15Alas for the day! for the day of the Lord is at hand, and as a destruction from the Almighty shall it come.
15Ɛda no aba! Awurade ɛda no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.
16Is not the meat cut off before our eyes, yea, joy and gladness from the house of our God?
16Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na, sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?
17The seed is rotten under their clods, the garners are laid desolate, the barns are broken down; for the corn is withered.
17Aba no wu wɔ asase wesee mu, adekoradan abubu, aburopata nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ nnuane no ahye.
18How do the beasts groan! the herds of cattle are perplexed, because they have no pasture; yea, the flocks of sheep are made desolate.
18Sɛdeɛ anantwie su! Na anantwikuo kyinkyini kwa. Nnwankuo mpo rebrɛ ɛfiri sɛ wɔnni adidibea.
19O Lord, to thee will I cry: for the fire hath devoured the pastures of the wilderness, and the flame hath burned all the trees of the field.
19Awurade, wo na mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.
20The beasts of the field cry also unto thee: for the rivers of waters are dried up, and the fire hath devoured the pastures of the wilderness.
20Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa awewe, na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.
King James Version — public domain. Full notices