Micah 1
KJV
1The word of the Lord that came to Micah the Morasthite in the days of Jotham, Ahaz, and Hezekiah, kings of Judah, which he saw concerning Samaria and Jerusalem.
1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.
2Hear, all ye people; hearken, O earth, and all that therein is: and let the Lord God be witness against you, the Lord from his holy temple.
2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.
3For, behold, the Lord cometh forth out of his place, and will come down, and tread upon the high places of the earth.
3Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.
4And the mountains shall be molten under him, and the valleys shall be cleft, as wax before the fire, and as the waters that are poured down a steep place.
4Mmepɔ nane wɔ nʼase, mmɔnhwa mu paepae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.
5For the transgression of Jacob is all this, and for the sins of the house of Israel. What is the transgression of Jacob? is it not Samaria? and what are the high places of Judah? are they not Jerusalem?
5Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa?
6Therefore I will make Samaria as an heap of the field, and as plantings of a vineyard: and I will pour down the stones thereof into the valley, and I will discover the foundations thereof.
6“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu ama ne fapem ho ada hɔ.
7And all the graven images thereof shall be beaten to pieces, and all the hires thereof shall be burned with the fire, and all the idols thereof will I lay desolate: for she gathered it of the hire of an harlot, and they shall return to the hire of an harlot.
7Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti wɔde bɛma adwamanfoɔ.”
8Therefore I will wail and howl, I will go stripped and naked: I will make a wailing like the dragons, and mourning as the owls.
8Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo.
9For her wound is incurable; for it is come unto Judah; he is come unto the gate of my people, even to Jerusalem.
9Nʼapirakuro no wuo ayɛ den; abɛduru Yuda. Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano mpo aduru Yerusalem ankasa.
10Declare ye it not at Gath, weep ye not at all: in the house of Aphrah roll thyself in the dust.
10Monnka no wɔ Gat monnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ monyantam mfuturo mu.
11Pass ye away, thou inhabitant of Saphir, having thy shame naked: the inhabitant of Zaanan came not forth in the mourning of Beth–ezel; he shall receive of you his standing.
11Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu; ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.
12For the inhabitant of Maroth waited carefully for good: but evil came down from the Lord unto the gate of Jerusalem.
12Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu de twɛn mmoa, ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba abɛduru Yerusalem ɛpono ano.
13O thou inhabitant of Lachish, bind the chariot to the swift beast: she is the beginning of the sin to the daughter of Zion: for the transgressions of Israel were found in thee.
13Mo a mote Lakis, monsiesie nteaseɛnam no. Mo ne bɔne farebae ma Ɔbabaa Sion, na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.
14Therefore shalt thou give presents to Moresheth–gath: the houses of Achzib shall be a lie to the kings of Israel.
14Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.
15Yet will I bring an heir unto thee, O inhabitant of Mareshah: he shall come unto Adullam the glory of Israel.
15Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo mo a mote Maresa. Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no bɛba Adulam.
16Make thee bald, and poll thee for thy delicate children; enlarge thy baldness as the eagle; for they are gone into captivity from thee.
16Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwa te sɛ ɔpete, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn akɔ nnommumfa mu.
King James Version — public domain. Full notices