Church of Christ
King James Version

John 4

KJV
Akuapem Twi
1When therefore the Lord knew how the Pharisees had heard that Jesus made and baptized more disciples than John,
1Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn,
2(Though Jesus himself baptized not, but his disciples,)
2a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu.
3He left Judea, and departed again into Galilee.
3Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea.
4And he must needs go through Samaria.
4Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.
5Then cometh he to a city of Samaria, which is called Sychar, near to the parcel of ground that Jacob gave to his son Joseph.
5Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.
6Now Jacob’s well was there. Jesus therefore, being wearied with his journey, sat thus on the well: and it was about the sixth hour.
6Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.
7There cometh a woman of Samaria to draw water: Jesus saith unto her, Give me to drink.
7Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsu no bi nnom.”
8(For his disciples were gone away unto the city to buy meat.)
8Saa bere no na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.
9Then saith the woman of Samaria unto him, How is it that thou, being a Jew, askest drink of me, which am a woman of Samaria? for the Jews have no dealings with the Samaritans.
9Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.
10Jesus answered and said unto her, If thou knewest the gift of God, and who it is that saith to thee, Give me to drink; thou wouldest have asked of him, and he would have given thee living water.
10Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”
11The woman saith unto him, Sir, thou hast nothing to draw with, and the well is deep: from whence then hast thou that living water?
11Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi?
12Art thou greater than our father Jacob, which gave us the well, and drank thereof himself, and his children, and his cattle?
12Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”
13Jesus answered and said unto her, Whosoever drinketh of this water shall thirst again:
13Yesu buaa no se, “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio,
14But whosoever drinketh of the water that I shall give him shall never thirst; but the water that I shall give him shall be in him a well of water springing up into everlasting life.
14nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”
15The woman saith unto him, Sir, give me this water, that I thirst not, neither come hither to draw.
15Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”
16Jesus saith unto her, Go, call thy husband, and come hither.
16Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
17The woman answered and said, I have no husband. Jesus said unto her, Thou hast well said, I have no husband:
17Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.” Yesu nso kae se, “Asɛm a woaka no yɛ nokware, sɛ wunni kunu no.
18For thou hast had five husbands; and he whom thou now hast is not thy husband: in that saidst thou truly.
18Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”
19The woman saith unto him, Sir, I perceive that thou art a prophet.
19Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo.
20Our fathers worshipped in this mountain; and ye say, that in Jerusalem is the place where men ought to worship.
20Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”
21Jesus saith unto her, Woman, believe me, the hour cometh, when ye shall neither in this mountain, nor yet at Jerusalem, worship the Father.
21Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.”
22Ye worship ye know not what: we know what we worship: for salvation is of the Jews.
22Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba.
23But the hour cometh, and now is, when the true worshippers shall worship the Father in spirit and in truth: for the Father seeketh such to worship him.
23Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ.
24God is a Spirit: and they that worship him must worship him in spirit and in truth.
24Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no wɔ Honhom ne nokware mu.
25The woman saith unto him, I know that Messias cometh, which is called Christ: when he is come, he will tell us all things.
25Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26Jesus saith unto her, I that speak unto thee am he.
26Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
27And upon this came his disciples, and marvelled that he talked with the woman: yet no man said, What seekest thou? or, Why talkest thou with her?
27Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.
28The woman then left her waterpot, and went her way into the city, and saith to the men,
28Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se,
29Come, see a man, which told me all things that ever I did: is not this the Christ?
29“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?”
30Then they went out of the city, and came unto him.
30Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31In the mean while his disciples prayed him, saying, Master, eat.
31Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.”
32But he said unto them, I have meat to eat that ye know not of.
32Yesu buaa wɔn se, “Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee.”
33Therefore said the disciples one to another, Hath any man brought him ought to eat?
33Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?”
34Jesus saith unto them, My meat is to do the will of him that sent me, and to finish his work.
34Yesu buae se, “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no.
35Say not ye, There are yet four months, and then cometh harvest? behold, I say unto you, Lift up your eyes, and look on the fields; for they are white already to harvest.
35Moka se, ‘Asram anan mu, otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na muhu sɛ aburow awo a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu!
36And he that reapeth receiveth wages, and gathereth fruit unto life eternal: that both he that soweth and he that reapeth may rejoice together.
36Otwafo nya nʼakatua a ɛsɛ no, na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye.
37And herein is that saying true, One soweth, and another reapeth.
37Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’
38I sent you to reap that whereon ye bestowed no labour: other men laboured, and ye are entered into their labours.
38Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ munkotwa nea monyɛe ho adwuma ɛ. Nnipa afoforo na wɔayɛ adwumaden, na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔayɛ no mu.”
39And many of the Samaritans of that city believed on him for the saying of the woman, which testified, He told me all that ever I did.
39Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.
40So when the Samaritans were come unto him, they besought him that he would tarry with them: and he abode there two days.
40Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn.
41And many more believed because of his own word;
41Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.
42And said unto the woman, Now we believe, not because of thy saying: for we have heard him ourselves, and know that this is indeed the Christ, the Saviour of the world.
42Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”
43Now after two days he departed thence, and went into Galilee.
43Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea.
44For Jesus himself testified, that a prophet hath no honour in his own country.
44Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso
45Then when he was come into Galilee, the Galileans received him, having seen all the things that he did at Jerusalem at the feast: for they also went unto the feast.
45esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no.
46So Jesus came again into Cana of Galilee, where he made the water wine. And there was a certain nobleman, whose son was sick at Capernaum.
46Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no
47When he heard that Jesus was come out of Judea into Galilee, he went unto him, and besought him that he would come down, and heal his son: for he was at the point of death.
47tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.
48Then said Jesus unto him, Except ye see signs and wonders, ye will not believe.
48Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”
49The nobleman saith unto him, Sir, come down ere my child die.
49Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.”
50Jesus saith unto him, Go thy way; thy son liveth. And the man believed the word that Jesus had spoken unto him, and he went his way.
50Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu sɛ ɔrekɔ fie.
51And as he was now going down, his servants met him, and told him, saying, Thy son liveth.
51Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no.
52Then enquired he of them the hour when he began to amend. And they said unto him, Yesterday at the seventh hour the fever left him.
52Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, “Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee.”
53So the father knew that it was at the same hour, in the which Jesus said unto him, Thy son liveth: and himself believed, and his whole house.
53Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho atɔ no” no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.
54This is again the second miracle that Jesus did, when he was come out of Judea into Galilee.
54Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.

King James Version — public domain. Full notices