John 9
KJV
1And as Jesus passed by, he saw a man which was blind from his birth.
1Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo,
2And his disciples asked him, saying, Master, who did sin, this man, or his parents, that he was born blind?
2Nʼasuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?”
3Jesus answered, Neither hath this man sinned, nor his parents: but that the works of God should be made manifest in him.
3Yesu buae se, “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.
4I must work the works of him that sent me, while it is day: the night cometh, when no man can work.
4Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma.
5As long as I am in the world, I am the light of the world.
5Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”
6When he had thus spoken, he spat on the ground, and made clay of the spittle, and he anointed the eyes of the blind man with the clay,
6Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so.
7And said unto him, Go, wash in the pool of Siloam, (which is by interpretation, Sent.) He went his way therefore, and washed, and came seeing.
7Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.
8The neighbours therefore, and they which before had seen him that he was blind, said, Is not this he that sat and begged?
8Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”
9Some said, This is he: others said, He is like him: but he said, I am he.
9Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno na mmom sɛ na ɔsɛ no.” Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.”
10Therefore said they unto him, How were thine eyes opened?
10Nnipa no bisaa no se, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?”
11He answered and said, A man that is called Jesus made clay, and anointed mine eyes, and said unto me, Go to the pool of Siloam, and wash: and I went and washed, and I received sight.
11Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.”
12Then said they unto him, Where is he? He said, I know not.
12Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?” Obuaa wɔn se, “Minnim.”
13They brought to the Pharisees him that aforetime was blind.
13Wɔde aberante a na nʼani afura no brɛɛ Farisifo no.
14And it was the sabbath day when Jesus made the clay, and opened his eyes.
14Da a Yesu saa onifuraefo no yare no yɛ homeda.
15Then again the Pharisees also asked him how he had received his sight. He said unto them, He put clay upon mine eyes, and I washed, and do see.
15Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohuu ade. Aberante no kaa sɛnea Yesu de dɔte a wafɔtɔw sraa nʼani so na ɔkɔhohoro ma ohuu ade no kyerɛɛ wɔn.
16Therefore said some of the Pharisees, This man is not of God, because he keepeth not the sabbath day. Others said, How can a man that is a sinner do such miracles? And there was a division among them.
16Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.” Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
17They say unto the blind man again, What sayest thou of him, that he hath opened thine eyes? He said, He is a prophet.
17Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”
18But the Jews did not believe concerning him, that he had been blind, and received his sight, until they called the parents of him that had received his sight.
18Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae,
19And they asked them, saying, Is this your son, who ye say was born blind? how then doth he now see?
19ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni ana? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo ana? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?”
20His parents answered them and said, We know that this is our son, and that he was born blind:
20Nʼawofo no buae se, “Yegye to mu sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo.
21But by what means he now seeth, we know not; or who hath opened his eyes, we know not: he is of age; ask him: he shall speak for himself.
21Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a obetumi akasa ama ne ho nti mummisa no.”
22These words spake his parents, because they feared the Jews: for the Jews had agreed already, that if any man did confess that he was Christ, he should be put out of the synagogue.
22Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no.
23Therefore said his parents, He is of age; ask him.
23Eyi nti na nʼawofo no kae se, “Nʼani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no.
24Then again called they the man that was blind, and said unto him, Give God the praise: we know that this man is a sinner.
24Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.”
25He answered and said, Whether he be a sinner or no, I know not: one thing I know, that, whereas I was blind, now I see.
25Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.”
26Then said they to him again, What did he to thee? how opened he thine eyes?
26Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?”
27He answered them, I have told you already, and ye did not hear: wherefore would ye hear it again? will ye also be his disciples?
27Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo, nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafo?”
28Then they reviled him, and said, Thou art his disciple; but we are Moses’ disciples.
28Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo.
29We know that God spake unto Moses: as for this fellow, we know not from whence he is.
29Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, yennim faako a ofi mpo!”
30The man answered and said unto them, Why herein is a marvellous thing, that ye know not from whence he is, and yet he hath opened mine eyes.
30Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no mutumi ka se munnim faako a ofi.
31Now we know that God heareth not sinners: but if any man be a worshipper of God, and doeth his will, him he heareth.
31Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no.
32Since the world began was it not heard that any man opened the eyes of one that was born blind.
32Efi adebɔ mfiase, yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade;
33If this man were not of God, he could do nothing.
33sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.”
34They answered and said unto him, Thou wast altogether born in sins, and dost thou teach us? And they cast him out.
34Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛni te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ.
35Jesus heard that they had cast him out; and when he had found him, he said unto him, Dost thou believe on the Son of God?
35Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di ana?”
36He answered and said, Who is he, Lord, that I might believe on him?
36Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!”
37And Jesus said unto him, Thou hast both seen him, and it is he that talketh with thee.
37Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”
38And he said, Lord, I believe. And he worshipped him.
38Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye di.” Afei ɔkotow Yesu.
39And Jesus said, For judgment I am come into this world, that they which see not might see; and that they which see might be made blind.
39Yesu kae se, “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”
40And some of the Pharisees which were with him heard these words, and said unto him, Are we blind also?
40Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo ana?”
41Jesus said unto them, If ye were blind, ye should have no sin: but now ye say, We see; therefore your sin remaineth.
41Yesu buaa wɔn se. “Sɛ mugye to mu sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛno de anka munnni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye to mu sɛ muhu ade nti motena afɔbu mu.”
King James Version — public domain. Full notices