John 7
KJV
1After these things Jesus walked in Galilee: for he would not walk in Jewry, because the Jews sought to kill him.
1Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no.
2Now the Jews’ feast of tabernacles was at hand.
2Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no,
3His brethren therefore said unto him, Depart hence, and go into Judea, that thy disciples also may see the works that thou doest.
3Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no.
4For there is no man that doeth any thing in secret, and he himself seeketh to be known openly. If thou do these things, shew thyself to the world.
4Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.”
5For neither did his brethren believe in him.
5Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni.
6Then Jesus said unto them, My time is not yet come: but your time is alway ready.
6Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo.
7The world cannot hate you; but me it hateth, because I testify of it, that the works thereof are evil.
7Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.
8Go ye up unto this feast: I go not up yet unto this feast; for my time is not yet full come.
8Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no na me de, minnya nkɔɔ ɛ, efisɛ me bere nnuu ɛ.”
9When he had said these words unto them, he abode still in Galilee.
9Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no ɔtenaa Galilea.
10But when his brethren were gone up, then went he also up unto the feast, not openly, but as it were in secret.
10Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ.
11Then the Jews sought him at the feast, and said, Where is he?
11Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
12And there was much murmuring among the people concerning him: for some said, He is a good man: others said, Nay; but he deceiveth the people.
12Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.”
13Howbeit no man spake openly of him for fear of the Jews.
13Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu.
14Now about the midst of the feast Jesus went up into the temple, and taught.
14Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe.
15And the Jews marvelled, saying, How knoweth this man letters, having never learned?
15Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
16Jesus answered them, and said, My doctrine is not mine, but his that sent me.
16Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
17If any man will do his will, he shall know of the doctrine, whether it be of God, or whether I speak of myself.
17Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa.
18He that speaketh of himself seeketh his own glory: but he that seeketh his glory that sent him, the same is true, and no unrighteousness is in him.
18Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.
19Did not Moses give you the law, and yet none of you keepeth the law? Why go ye about to kill me?
19Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”
20The people answered and said, Thou hast a devil: who goeth about to kill thee?
20Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
21Jesus answered and said unto them, I have done one work, and ye all marvel.
21Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi.
22Moses therefore gave unto you circumcision; (not because it is of Moses, but of the fathers;) and ye on the sabbath day circumcise a man.
22Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda.
23If a man on the sabbath day receive circumcision, that the law of Moses should not be broken; are ye angry at me, because I have made a man every whit whole on the sabbath day?
23Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me?
24Judge not according to the appearance, but judge righteous judgment.
24Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.”
25Then said some of them of Jerusalem, Is not this he, whom they seek to kill?
25Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana?
26But, lo, he speaketh boldly, and they say nothing unto him. Do the rulers know indeed that this is the very Christ?
26Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no?
27Howbeit we know this man whence he is: but when Christ cometh, no man knoweth whence he is.
27Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”
28Then cried Jesus in the temple as he taught, saying, Ye both know me, and ye know whence I am: and I am not come of myself, but he that sent me is true, whom ye know not.
28Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no;
29But I know him: for I am from him, and he hath sent me.
29na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”
30Then they sought to take him: but no man laid hands on him, because his hour was not yet come.
30Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.
31And many of the people believed on him, and said, When Christ cometh, will he do more miracles than these which this man hath done?
31Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?”
32The Pharisees heard that the people murmured such things concerning him; and the Pharisees and the chief priests sent officers to take him.
32Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra.
33Then said Jesus unto them, Yet a little while am I with you, and then I go unto him that sent me.
33Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.
34Ye shall seek me, and shall not find me: and where I am, thither ye cannot come.
34Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”
35Then said the Jews among themselves, Whither will he go, that we shall not find him? will he go unto the dispersed among the Gentiles, and teach the Gentiles?
35Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn?
36What manner of saying is this that he said, Ye shall seek me, and shall not find me: and where I am, thither ye cannot come?
36Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”
37In the last day, that great day of the feast, Jesus stood and cried, saying, If any man thirst, let him come unto me, and drink.
37Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu.
38He that believeth on me, as the scripture hath said, out of his belly shall flow rivers of living water.
38Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’ ”
39(But this spake he of the Spirit, which they that believe on him should receive: for the Holy Ghost was not yet given; because that Jesus was not yet glorified.)
39Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ.
40Many of the people therefore, when they heard this saying, said, Of a truth this is the Prophet.
40Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!”
41Others said, This is the Christ. But some said, Shall Christ come out of Galilee?
41Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea?
42Hath not the scripture said, That Christ cometh of the seed of David, and out of the town of Bethlehem, where David was?
42Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?”
43So there was a division among the people because of him.
43Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe.
44And some of them would have taken him; but no man laid hands on him.
44Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no.
45Then came the officers to the chief priests and Pharisees; and they said unto them, Why have ye not brought him?
45Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”
46The officers answered, Never man spake like this man.
46Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”
47Then answered them the Pharisees, Are ye also deceived?
47Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana?
48Have any of the rulers or of the Pharisees believed on him?
48Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana?
49But this people who knoweth not the law are cursed.
49Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”
50Nicodemus saith unto them, (he that came to Jesus by night, being one of them,)
50Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi.
51Doth our law judge any man, before it hear him, and know what he doeth?
51Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”
52They answered and said unto him, Art thou also of Galilee? Search, and look: for out of Galilee ariseth no prophet.
52Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.”
53And every man went unto his own house.
53Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.
King James Version — public domain. Full notices