Church of Christ
King James Version

1 Corinthians 16

KJV
Asante Twi
1Now concerning the collection for the saints, as I have given order to the churches of Galatia, even so do ye.
1Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi.
2Upon the first day of the week let every one of you lay by him in store, as God hath prospered him, that there be no gatherings when I come.
2Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ.
3And when I come, whomsoever ye shall approve by your letters, them will I send to bring your liberality unto Jerusalem.
3Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem.
4And if it be meet that I go also, they shall go with me.
4Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
5Now I will come unto you, when I shall pass through Macedonia: for I do pass through Macedonia.
5Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ.
6And it may be that I will abide, yea, and winter with you, that ye may bring me on my journey whithersoever I go.
6Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.
7For I will not see you now by the way; but I trust to tarry a while with you, if the Lord permit.
7Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre.
8But I will tarry at Ephesus until Pentecost.
8Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no.
9For a great door and effectual is opened unto me, and there are many adversaries.
9Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.
10Now if Timotheus come, see that he may be with you without fear: for he worketh the work of the Lord, as I also do.
10Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara.
11Let no man therefore despise him: but conduct him forth in peace, that he may come unto me: for I look for him with the brethren.
11Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.
12As touching our brother Apollos, I greatly desired him to come unto you with the brethren: but his will was not at all to come at this time; but he will come when he shall have convenient time.
12Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.
13Watch ye, stand fast in the faith, quit you like men, be strong.
13Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden.
14Let all your things be done with charity.
14Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
15I beseech you, brethren, (ye know the house of Stephanas, that it is the firstfruits of Achaia, and that they have addicted themselves to the ministry of the saints,)
15Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom,
16That ye submit yourselves unto such, and to every one that helpeth with us, and laboureth.
16sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi.
17I am glad of the coming of Stephanas and Fortunatus and Achaicus: for that which was lacking on your part they have supplied.
17Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan
18For they have refreshed my spirit and yours: therefore acknowledge ye them that are such.
18na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
19The churches of Asia salute you. Aquila and Priscilla salute you much in the Lord, with the church that is in their house.
19Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.
20All the brethren greet you. Greet ye one another with an holy kiss.
20Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo. Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
21The salutation of me Paul with mine own hand.
21Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.
22If any man love not the Lord Jesus Christ, let him be Anathema Maran-atha.
22Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
23The grace of our Lord Jesus Christ be with you.
23Awurade Yesu adom mmra mo so.
24My love be with you all in Christ Jesus. Amen. The first epistle to the Corinthians was written from Philippi by Stephanas, and Fortunatus, and Achaicus, and Timotheus.
24Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.

King James Version — public domain. Full notices