Church of Christ
King James Version

John 15

KJV
Asante Twi
1I am the true vine, and my Father is the husbandman.
1“Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no.
2Every branch in me that beareth not fruit he taketh away: and every branch that beareth fruit, he purgeth it, that it may bring forth more fruit.
2Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree.
3Now ye are clean through the word which I have spoken unto you.
3Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada.
4Abide in me, and I in you. As the branch cannot bear fruit of itself, except it abide in the vine; no more can ye, except ye abide in me.
4Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.
5I am the vine, ye are the branches: He that abideth in me, and I in him, the same bringeth forth much fruit: for without me ye can do nothing.
5“Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
6If a man abide not in me, he is cast forth as a branch, and is withered; and men gather them, and cast them into the fire, and they are burned.
6Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye.
7If ye abide in me, and my words abide in you, ye shall ask what ye will, and it shall be done unto you.
7Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo.
8Herein is my Father glorified, that ye bear much fruit; so shall ye be my disciples.
8Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.
9As the Father hath loved me, so have I loved you: continue ye in my love.
9“Sɛdeɛ Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.
10If ye keep my commandments, ye shall abide in my love; even as I have kept my Father’s commandments, and abide in his love.
10Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno enti ɔda so dɔ me no.
11These things have I spoken unto you, that my joy might remain in you, and that your joy might be full.
11Maka yeinom nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mʼanigyeɛ no bi na ama mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
12This is my commandment, That ye love one another, as I have loved you.
12Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.
13Greater love hath no man than this, that a man lay down his life for his friends.
13Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
14Ye are my friends, if ye do whatsoever I command you.
14Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom.
15Henceforth I call you not servants; for the servant knoweth not what his lord doeth: but I have called you friends; for all things that I have heard of my Father I have made known unto you.
15Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
16Ye have not chosen me, but I have chosen you, and ordained you, that ye should go and bring forth fruit, and that your fruit should remain: that whatsoever ye shall ask of the Father in my name, he may give it you.
16Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo.
17These things I command you, that ye love one another.
17Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.
18If the world hate you, ye know that it hated me before it hated you.
18“Sɛ ewiase tane mo a, monkae sɛ me na ɛtanee me kane ansa na ɛretane mo.
19If ye were of the world, the world would love his own: but because ye are not of the world, but I have chosen you out of the world, therefore the world hateth you.
19Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no.
20Remember the word that I said unto you, The servant is not greater than his lord. If they have persecuted me, they will also persecute you; if they have kept my saying, they will keep yours also.
20Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsene ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wɔtie mʼasɛm a meka no a, mo nso, wɔbɛtie mo.
21But all these things will they do unto you for my name’s sake, because they know not him that sent me.
21Esiane sɛ moyɛ me dea enti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
22If I had not come and spoken unto them, they had not had sin: but now they have no cloke for their sin.
22Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.
23He that hateth me hateth my Father also.
23Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.
24If I had not done among them the works which none other man did, they had not had sin: but now have they both seen and hated both me and my Father.
24Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya.
25But this cometh to pass, that the word might be fulfilled that is written in their law, They hated me without a cause.
25Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
26But when the Comforter is come, whom I will send unto you from the Father, even the Spirit of truth, which proceedeth from the Father, he shall testify of me:
26“Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo.
27And ye also shall bear witness, because ye have been with me from the beginning.
27Na mo nso mobɛdi me ho adanseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ pɛɛ.”

King James Version — public domain. Full notices