Church of Christ
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Psalms 110

1Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ, “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” 2Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. 3Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. 4Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ te sɛ Melkisedek sɛso.” 5Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 6Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. 7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo enti ɔbɛdi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices