Psalms 124
1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka. 2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, 3ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann; 4anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, 5anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ. 6Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. 7Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane. 8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices