Psalms 54
1Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me. 2Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm. 3Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. 4Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ. 5Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. 6Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ. 7Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices