Psalms 148
1Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. 2Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. 3Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no. 4Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi. 5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn. 6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da. 7Monkamfo Awurade mfiri asase so, mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa, 8anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ, 9mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa, 10wira mu mmoa ne anantwie, abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo, 11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa, 12mmeranteɛ ne mmabaawa mmasiriwa ne mmɔfra nso. 13Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. 14Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. Monkamfo Awurade.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices