Psalms 96
1Monto dwom foforɔ mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade. 2Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa. 3Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. 4Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. 5Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro. 6Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. 7Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. 8Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ. 9Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim. 10Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn. 11Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo; 12momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom; 13wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba, ɔreba abɛbu asase no atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ — Copyright © 2020 by Biblica, Inc. Licensed CC BY-SA 4.0. Full notices